Lamentations 1:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ Awurade yɛ ɔteneneeni, nanso manni nʼahyɛdeɛ so. Montie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yea. Me mmeranteɛ ne mmabaawa kɔ nnommumfa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE di bem, ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua. Aman nyinaa, montie, na monhwɛ me yea. Me mmabaa ne me mmeranteɛ kɔ nnommumfa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE di bem, ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua. Aman nyinaa, montie, na monhwɛ me yea. Me mmabaa ne me mmeranteɛ kɔ nnommumfa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE, na me na matew n’anom asɛm ho atua. Amansan nyinaa, muntie, monhwɛ me yaw! Me mmabaa ne me mmerante kɔ nnommumfa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ Awurade yɛ ɔtreneeni, nanso manni nʼahyɛde so. Muntie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yaw. Me mmerante ne mmabaa kɔ nnommum mu.