Lamentations 1:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefoɔ biara; ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadanedane no atamfoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefoɔ biara; ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadanedane n’atamfoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Osu ara na osu anadwo, na nusu sensan n’afono so. Onnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefo bi. Ne mfɛfo nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadannan no atamfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Osu yayaayaw anadwo, nusu sensan nʼafono so. Nʼadɔfo nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ. Ne nnamfonom nyinaa ayi no ama Wɔayɛ nʼatamfo.