Lamentations 1:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nnipa ate mʼapinisie, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔte sɛ meresi apini, nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ; m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ; wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔte sɛ meresi apini, nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ; m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ; wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔtee sɛ meresi apini; minni ɔwerɛkyekyefo bi; m’atamfo nyinaa ate m’amane; wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nnipa ate mʼapinisi, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye nea woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛnea wɔbɛyɛ sɛ me.