Lamentations 1:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sion akwan no di awerɛhow, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti. N’aponkɛse nyinaa ayɛ afo. N’asɔfo gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na wɔn nso werɛ ahow.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akwan a ɛkɔ Sion no resu, efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapon nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfo si apini, ne mmabaa di yaw, na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu.