Lamentations 1:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehweɛ yɛ nwanwa; obiara ankyekyere ne werɛ. “Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu; wankae n’awieeɛ, enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ, ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu; wankae n’awieeɛ, enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ, ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu; wannwene ne daakye ho, enti n’asehwe yɛ hu; onni ɔwerɛkyekyefo bi. AWURADE, hwɛ m’amane, na ɔtamfo di akokurokosɛm!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehwe yɛ nwonwa; obiara ankyekye ne werɛ. “ Awurade, hwɛ mʼamanehunu, efisɛ ɔtamfo adi nkonim.”