Lamentations 2:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbisa wɔn maamenom sɛ, “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?” Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ wɔ kuropɔn no mmɔntene so, ɛberɛ a wɔn nkwa resa wɔ wɔn maamenom abasa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ, kuro no mmorɔno so, na wɔgyaagyaa mu wɔ wɔn nanom kokom.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ, kuro no mmɔntene so, na wɔgyaagyaa mu wɔ wɔn nanom kokom.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburow ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ beraw sɛ atɔfo, kurow no mmorɔn so, na wogyaagyaa mu wɔn nanom kokom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wobisa wɔn nanom se, “Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?” Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo wɔ kuropɔn no mmɔnten so, bere a wɔn nkwa resa wɔ wɔn nanom abasa so.