Lamentations 2:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu mfuturo mu wɔ mmɔntene so, me mmeranteɛ ne mmabaawa atotɔ wɔ akofena ano. Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mmɔfra ne nkɔkoraa deda fam mmorɔno so; me mmabaa ne me mmeranteɛ atotɔ afena ano. Woasɛe wɔn w’abufuo da no so, woakum na woanni adɔna.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mmɔfra ne nkɔkoraa deda fam mmorɔno so; me mmabaa ne me mmeranteɛ atotɔ afena ano. Woasɛe wɔn w’abufuo da no so, woakum na woanni adɔna.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mmofra ne nkwakoraa deda fam mmorɔn so; me mmabaa ne me mmerante atotɔ afoa ano. Woasɛe wɔn w’abufuw da no, woakum na woankyɛe so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mmofra ne mpanyin da adabum wɔ mmɔnten so mfutuma mu so, me mmerante ne mmabaa atotɔ wɔ afoa ano. Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda; woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.