Lamentations 2:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde abufuhyeɛ atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne banbɔ wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyeɛ mu, wapono ne nifa ato n’akyi afiri ɔtamfoɔ anim, na ɔdɛree Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhye hyia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyeɛ mu, wapono ne nifa ato n’akyi afiri ɔtamfoɔ anim, na ɔdɛree Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhye hyia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyew mu, wapono ne nifa ato n’akyi afi ɔtamfo anim, na ɔdɛwee Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhyew hyia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde abufuwhyew atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne bammɔ wɔ bere a atamfo no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.