Lamentations 2:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; ne nsa nifa ayɛ krado. Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ, wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ, na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya agu Sion babaa ntomadan so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ, wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ, na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya agu Sion babaa ntomadan so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wakuntun ne ta mu sɛ ɔtamfo, wagyina ateɛ ne nifa sɛ ɔhohiafo, na wakunkum nea ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyew sɛ ogya agu Sion babea ntamadan so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo; ne nsa nifa ayɛ krado. Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa; wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya agu Ɔbabea Sion ntamadan so.