Lamentations 2:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhoma too ho na wannyae ɔsɛeɛ no. Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo; wɔn nyinaa sɛeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo; ɔde susuhoma too ho, wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho, wama epie ne afasuo adi abooboo, ne nyinaa ahodwohodwo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo; ɔde susuhoma too ho, wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho, wama epie ne afasuo adi abooboo, ne nyinaa ahodwohodwo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babea fasu; ɔde susuhama too ho. Wampono ne nsa amfi ne sɛe ho, wama pempe ne afasu di nkɔmmɔ, ne nyinaa agurogurow.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhama too ho na wannyae ɔsɛe no. Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo; wɔn nyinaa sɛee.