Lamentations 4:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi; wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyee ne fapem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie, wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya ama no ahye ne nnyinasoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie, wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya ama no ahye ne nnyinasoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE ayi n’abufuhyew no adi, wahwie n’abufuw a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya, ma ahyew ne nnyinaso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi; wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyew ne fapem.