Leviticus 1:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara.