Leviticus 10:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri sɛ wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Aaron mma Nadab ne Abihu fofaa wɔn gyasɔ ade, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhuam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu Awurade mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea Awurade ahyɛ baa nʼanim.