Leviticus 10:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ohim yan no ne mmasoɔ srɛ no, monni no deɛ ɛhɔ teɛ, wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ohim yan no ne mmasoɔ srɛ no, monni no deɛ ɛhɔ teɛ, wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ohim yan no ne ɛsoma srɛ no, munni no nea ɛhɔ tew, wo ne wo mmammarima ne wo mmabea nyinaa, efisɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afi Israelfo asomdwoe afɔre mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no Awurade anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu.