Leviticus 10:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔtwe bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntadeɛ mu, de wɔn kɔɔ nsraban no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔtwe bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntadeɛ mu, de wɔn kɔɔ nsraban no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotwiw bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntade mu de wɔn kɔɔ nsra no akyi sɛnea Mose kae no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no.