Leviticus 11:35 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe so, ɛho ntew; fononoo oo, muka oo, wɔmmubu: ɛho ntew, na mummu no sɛ ɛho ntew.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu.