Leviticus 11:39 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ mmoa a mudi no bi wu a, nea ɔka ne funu no ho ntew kosi anwummere.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere.