Leviticus 13:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na yadeɛ no adidi kɔ ne honam mu na enwi a ɛwɔ honam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ɔyarefoɔ no ho nte, ɛfiri sɛ, kwata apue afiri pɔmpɔ no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asene wedeɛ no na emu nwi adane fitaa a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, apue wɔ mpɔmpɔ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asene wedeɛ no na emu nwi adane fitaa a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, apue wɔ mpɔmpɔ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asen were no na emu nwi adan fitaa a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata ntotowee, apue wɔ pobia no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi kɔ ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu.