Leviticus 13:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ nhyehyeeɛ hɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beaeɛ a ɛhɔ nnii dɛm biara no dane yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ adeɛ a adidi kɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afiri nhyehyeeɛ no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ no mu nwi adane fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asene wedeɛ no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuro no mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ no mu nwi adane fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asene wedeɛ no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuro no mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ atape no mu nwi adan fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asen were no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuru no mu, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew, ɛyɛ kwata ntotowee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no wɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ ade a adidi kɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.