Leviticus 13:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ hunu sɛ nwi fitaa nni beaeɛ a ɛhɔ yɛ hyɛnn no, na sɛ hyɛnn no nnidi nkɔɔ honam no mu, na yadeɛ no regyae a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ enwi fitaa nni ntampeɛ no mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ enwi fitaa nni ntampeɛ no mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ nwi fitaa nni atape no mu, na ɛntotɔɔ mu nsen were no, na ani dum a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ hu sɛ nwi fitaa nni beae a ɛhɔ yɛ hyerɛnn no, na sɛ hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson