Leviticus 13:30 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no adidi kɔ honam no mu na ɔsane hunu enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ wɔ ekuro no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka sɛ onipa no yare kwata.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ atɔ mu asene wedeɛ no, na enwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ ntutuiɛ, ɛyɛ etire anaa bɔdwesɛ mu kwata.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ atɔ mu asene wedeɛ no, na enwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛdeɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ ntutuiɛ, ɛyɛ etire anaa bɔgyesɛ mu kwata.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ atɔ mu asen were no, na nwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfo no mmu no sɛnea ne ho ntew; ɛyɛ ntutui, ɛyɛ eti anaa bogyesɛ mu kwata.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ ɔyare no adidi kɔ ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte sɛ akokɔsrade wɔ kuru no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata.