Leviticus 13:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ne nnanson so no, wɔsane hwɛ no bio. Sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ na enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ nnaa ne ho adi wɔ mu na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu a,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɔyarefoɔ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛe na enwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutuiɛ no ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɔyarefoɔ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛe na enwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutuiɛ no ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔyarefo no da a ɛto so ason no, na sɛ ntutui no nyerɛwee na nwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutui no ntɔɔ mu nsen were no a,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. Sɛ ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte sɛ akokɔsrade nnaa ne ho adi wɔ mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a,