Leviticus 13:42 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mmom, sɛ nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ atipa no so a, na ɛkyerɛ sɛ, ebia, kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ biribi fitaa a ɛbereɛ tɔ n’atipa no mu anaasɛ ne mpampam paeɛ no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue n’atipa anaa ne mpampam paeɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ biribi fitaa a ɛbereɛ tɔ n’atipa no mu anaasɛ n’apampam paeɛ no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue n’atipa anaa n’apampam paeɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ biribi fitaa a ɛbere tow ne tipae no mu anaasɛ ne mpampam pae no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue ne tipae anaa ne mpampam pae no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mmom, sɛ nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ tipae no so a, na ɛkyerɛ sɛ ebia kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no.