Leviticus 13:49 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na sɛ nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na sɛ ntotɔeɛ no biri anaasɛ ɛbere ntoma anaa nwoma no anaa nsa anaa mfa no anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na sɛ ntotɔeɛ no biri anaasɛ ɛbere ntoma anaa nwoma no anaa nsa anaa mfa no anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ ntotowee no biri anaasɛ ɛbere ntama anaa nhoma no anaa nsa anaa mfa no anaa ade biara a wɔde nhoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotowee, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na sɛ nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ.