Leviticus 13:55 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ nnanson bio akyi faako a yadeɛ no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosuo na ɛntrɛtrɛɛ a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye adeɛ no, ɛfiri sɛ, yadeɛ no adidi kɔ mu ara yie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ntotɔeɛ no sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani nsakyerae na ɛnyerɛe nso a, ɛho nte, wɔmfa ogya nhye; ani akuku oo, akyire akuku oo, ɛyɛ nweweeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ntotɔeɛ no sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani nsakyerae na ɛnyerɛe nso a, ɛho nte, wɔmfa ogya nhye; ani akuku oo, akyire akuku oo, ɛyɛ nweweeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ntotowee no horo akyi no ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ani nsakrae na ɛnyerɛwee nso a, ɛho ntew, wɔmfa ogya nhyew; ani akukuw oo, akyi akukuw oo, ɛyɛ nwewee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ nnanson bio akyi faako a ɔyare no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata nti ɛsɛ sɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi kɔ mu ara yiye.