Leviticus 13:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei ne nnanson so no, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ɔhunu sɛ yadeɛ no ano abrɛ ase a ɛntrɛtrɛɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛka ato dwa sɛ, ɔyarefoɔ no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ nsawa bi na ɛguu no berɛ tiawa bi mu. Enti sɛ ɔyarefoɔ no si ne ntoma a wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no da a ɛtɔ so nson no bio na sɛ ntotɔeɛ no ani adum na ɛntrɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ deɛ ne ho teɛ, ɛyɛ ntwintwameeɛ; na ɔnsi n’atadeɛ na ne ho ate.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no da a ɛtɔ so nson no bio na sɛ ntotɔeɛ no ani adum na ɛntrɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ deɛ ne ho teɛ, ɛyɛ ntwintwameeɛ; na ɔnsi n’atadeɛ na ne ho ate.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ no da a ɛto so ason no bio, na sɛ ntotowee no ani adum na ɛntrɛwee ne were mu a, ɔsɔfo no mmu no sɛnea ne ho tew, ɛyɛ ntwintwamee; na ɔnhoro n'atade na ne ho ntew.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ohu sɛ ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua sɛ, ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti sɛ ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie.