Leviticus 14:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɔsɔfoɔ no bɛfa nnwammaa no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ ɛfɔdie afɔrebɔ a wɔhim no wɔ afɔrebukyia no anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsɔfoɔ no mfa nnwanten no mu baako mmra, sɛ asodie ho afɔdeɛ ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsɔfoɔ no mfa nnwanten no mu baako mmra, sɛ asodie ho afɔdeɛ ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo no mfa nguanten no mu biako mmra, sɛ asodi ho afɔre, ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɔsɔfo no bɛfa nguantenmma no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ afɔdi afɔrebɔ a wohim no wɔ afɔremuka no anim.