Leviticus 14:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nnwammaa mmienu no a, ɛnneɛ, ɔde odwammaanini baako bɛbɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no de ama Awurade sɛ mpatadeɛ a wɔhim no afɔrebukyia no anim; na wɔde asikyiresiam fitaa muhumuhu lita mmienu ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atokoɔ afɔdeɛ no a ngo akɔtoa ka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔdi hia na ne nsa anso yeinom so a, ɛnneɛ ɔmfa odwanten ba baako mmɛyɛ asodie ho afɔdeɛ nyɛ ohim afɔdeɛ mfa mpata mma no, ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔdi hia na ne nsa anso yeinom so a, ɛnneɛ ɔmfa odwanten ba baako mmɛyɛ asodie ho afɔdeɛ nyɛ ohim afɔdeɛ mfa mpata mma no, ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ odi hia na ne nsa anso eyinom so a, ɛnne ɔmfa oguanten ba biako mmɛyɛ asodi ho afɔre nyɛ ohim afɔre mfa mpata mma no, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nguamma abien no a, ɛno de, ɔde oguamma nini baako bɛbɔ afɔdi afɔre no de ama Awurade sɛ mpata a wohim wɔ afɔremuka no anim; na wɔde asikresiam fitaa muhumuhu lita abien ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atoko afɔre no a ngo tumpan ka ho.