Leviticus 14:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔatu efie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka sɛ kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforɔ ho fi wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnyi efie no mu nnoɔma mfiri adi ansa na ɔsɔfoɔ no ahyɛne mu akɔhwɛ ntotɔeɛ no, na efie no mu nnoɔma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyiri no ɔsɔfoɔ no nhyɛne mu nkɔhwɛ efie no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnyi efie no mu nnoɔma mfiri adi ansa na ɔsɔfoɔ no ahyɛne mu akɔhwɛ ntotɔeɛ no, na efie no mu nnoɔma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyiri no ɔsɔfoɔ no nhyɛne mu nkɔhwɛ efie no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonyi ofi no mu nneɛma mfi adi ansa na ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ntotowee no, na ofi no mu nneɛma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyi no ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ofi no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔatu ofie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka se kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforo ho fi wɔ hɔ.