Leviticus 15:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔhosenefoɔ no ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson ngu n’ahofire so, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa mmasuo nnware ne honam, na ne ho ate.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔhosenefoɔ no ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson ngu n’ahofire so, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa mmasuo nnware ne honam, na ne ho ate.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔhosenfo no ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn ngu n'ahofi so, na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa mmasu nguare ne honam, na ne ho atew.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu.