Leviticus 15:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim, mfiri n’ahosene a ɛho nteɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim, mfiri n’ahosene a ɛho nteɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na biako no ɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim, mfi n'ahosen a ɛho ntew no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de baako bɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako bɔ ɔhyew afɔre na ayɛ mpata ama ɔbea no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ mu no ho.