Leviticus 15:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɔka ne nnae no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.