Leviticus 16:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Aaron nhyɛn ahyiae ntamadan no mu, na onyi nwera atade a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na onnyaw wɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ.