Leviticus 16:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi ne nea Aaron mfa nhyɛn kronkronbea hɔ, nantwininiforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre.