Leviticus 16:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, afɔrebukyia no so, de ma asɔfoɔ no ne nnipa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no, na ɔmpata mma asɔfo no ne ɔman asafo mu no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ, wɔ afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no.