Leviticus 19:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa da na ɔde ne ho ka no, na ɔbaa no yɛ afenaa a wɔde no ama obi awareɛ, na gyeɛ na wɔnnya nnyee no anaasɛ wɔnnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpeepee mu ntwe wɔn aso, na wɔnnku wɔn, ɛfiri sɛ ɔnne ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa da na ɔde ne ho ka no, na ɔbaa no yɛ afenaa a wɔde no ama obi awareɛ, na gyeɛ na wɔnnya nnyee no anaasɛ wɔnnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpeepee mu ntwe wɔn aso, na wɔnnku wɔn, ɛfiri sɛ ɔnne ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ɔbarima bi ne ɔbea da na ɔde ne ho ka no, na ɔbea no yɛ afenaa a wɔde no ama obi aware, na ogye na wonnya nnyee no anaasɛ wonnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpɛɛpɛɛmu ntwe wɔn aso, na wonnkum wɔn, efisɛ onnya nnee ne ho ɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho.