Leviticus 20:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ so. Mene Awurade mo Onyankopɔn a mama mo ada nso wɔ aman a aka no nyinaa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mise mo sɛ: Mo na munni wɔn asase so, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afi amanaman mu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mama mo ada nsow wɔ aman a aka no nyinaa mu.