Leviticus 21:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wonnhura wɔn Nyankopɔn din ho, efisɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔre, wɔn Nyankopɔn aduan, no ba; enti wɔnyɛ kronkron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.