Leviticus 22:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Obiara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan sɛ ɔdi bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔhɔho biara nnni akronkronne no bi, na nea wabɛtena ɔsɔfo bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronne no bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi.