Leviticus 22:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, ɛfiri sɛ, wadi afɔrebɔdeɛ kronkron. Na mene Awurade a mete afɔrebɔdeɛ nyinaa ho.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔmmma wɔnnsoa asodie bɔne bi wɔn akronkronneɛ no die mu, ɛfiri sɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔmmma wɔnnsoa asodie bɔne bi wɔn akronkronneɛ no die mu, ɛfiri sɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔmmma wɔnnsoa asodi bɔne bi wɔn akronkronne no di mu, efisɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na obiara a obebu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, efisɛ wadi afɔrebɔde kronkron. Na mene Awurade a metew afɔrebɔde nyinaa ho.”