Leviticus 22:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bɔhyɛ bi enti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa Israel mu ahɔhoɔ mu a ɔde n’ayɛyɛdeɛ bɛba, wɔn bɔhyɛ adeɛ biara anaa wɔn ayamyi adeɛ biara a wɔde brɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa Israel mu ahɔhoɔ mu a ɔde n’ayɛyɛdeɛ bɛba, wɔn bɔhyɛ adeɛ biara anaa wɔn ayamyi adeɛ biara a wɔde brɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa Israel mu ahɔho mu a ɔde n'ayɛyɛde bɛba, wɔn bɔhyɛ ade biara anaa wɔn ayamye ade biara a wɔde rebrɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyew afɔre:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa se, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛyɛ bɔhyɛ bi nti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no,