Leviticus 22:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na obiara a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n’aboadeɛ ma anaa ayamyi adeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu no, ɔmma no nni mu, na ɛnsɔ ani; ɛnnni dɛm biara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na obiara a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n’aboadeɛ ma anaa ayamyi adeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu no, ɔmma no nni mu, na ɛnsɔ ani; ɛnnni dɛm biara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obiara a ɔde asomdwoe afɔre bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n'aboade ma anaa ayamye ade a efi anantwi anaa nguan mu no, ɔmma enni mu, na ɛnsɔ ani; ennni dɛm biara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ofi nʼanantwi anaa ne nguan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoe afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔre no na ama wɔagye.