Leviticus 23:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae fi a edi kan no mmrɛ ɔsɔfo;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Kasa kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede bɛma mo no so na mutwa mo nnɔbae a, momfa nnɔbae afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfo.