Leviticus 23:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ne nʼaduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmiɛnsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa dɛɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsã lita ɛnan ne fa afɔrebɔdeɛ bɛka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam; ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn anan mu biako.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ne nʼaduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam kilogram abiɛsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre a eyi hua dɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsa lita anan ne fa afɔrebɔde bɛka ho.