Leviticus 23:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ modi burodo biara, sɛ ɛyɛ aduane a wɔato anaa ɛyɛ foforɔ, kɔsi ɛda a mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛbrɛ mo Onyankopɔn. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na monnni paanoo anaa ayuo a wɔato anaasɛ wɔasie kɔsi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na monnni paanoo anaa ayuo a wɔato anaasɛ wɔasie kɔsi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na munnni abodoo anaa awi a wɔato anaasɛ wɔasiw kosi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛde reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛde mma mo awo ntoatoaso, mo tenabea nyinaa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ mudi brodo biara, sɛ ɛyɛ aduan a wɔato anaa ɛyɛ foforo, kosi da a mode saa afɔrebɔde yi bɛbrɛ mo Nyankopɔn. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.