Leviticus 23:37 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Yeinom ne afahyɛ ahodoɔ a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔdeɛ a wɔhye no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, afɔrebɔdeɛ ahodoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ a ɛho hia ɛda biara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom ne AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ wɔnhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne kum afɔdeɛ ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom ne AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ wɔnhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne kum afɔdeɛ ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom ne AWURADE afahyɛ horow a mompae sɛ wonhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE, ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne okum afɔre ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Eyinom ne afahyɛ ahorow a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuru sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔde a wɔhyew no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, afɔrebɔde ahorow ne nsa afɔrebɔde a ɛho hia da biara.