Leviticus 24:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛsɛ sɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɔka AWURADE din ho abususɛm no, okum na wonkum no: osiw na asafo no nyinaa nsiw no abo; ɔhɔho oo, okuromani oo, sɛ ɔka din no ho abususɛm a, wonkum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
obiara a ogu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ dɔm no nyinaa siw no abo. Ɔhɔho anaa Israelni biara a obegu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no.