Leviticus 25:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ woretɔ asase afiri wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfeɛ dodoɔ no so fa afiri Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛtwaam no. Ɔdetɔnfoɔ no bɛgye wo boɔ a ɛgyina mfeɛ dodoɔ a aka ansa na mfirinhyia aduonum afahyɛ a ɛreba no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛdeɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyiri mfirinhyia ano teɛ na tɔ wo yɔnko nkyɛn adeɛ, sɛdeɛ nnɔbaeɛ mfirinhyia ano teɛ na ɔntɔn mma woɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛdeɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyiri mfirinhyia ano teɛ na tɔ wo yɔnko nkyɛn adeɛ, sɛdeɛ nnɔbaeɛ mfirinhyia ano teɛ na ɔntɔn mma woɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi mfirihyia ano te na tɔ wo yɔnko nkyɛn ade, sɛ nnɔbae mfirihyia ano te na ɔntɔn mma wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ woretɔ asase afi wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfe dodow no so fa afi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a etwaa mu no. Ɔdetɔnfo no begye wo bo a egyina mfe dodow a aka ansa na mfirihyia aduonum afahyɛ a ɛreba no.