Leviticus 25:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na aba biara a moadua no, monnte mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wo ntwakaeɛ a ɛfifire no, ntwa, na wo bobehoma a woampempane no so esa esa no, ntete, ɛnyɛ ahomegyeɛ afe mma asase no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wo ntwakaeɛ a ɛfifire no, ntwa, na wo bobehoma a woampempane no so esa esa no, ntete, ɛnyɛ ahomegyeɛ afe mma asase no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wo ntwakae a efifi no, ntwa, na wo bobehama a woampempan ho no so akasiaw no, ntetew, ɛnyɛ ahomegye afe mma asase no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na aba biara a ebefifi no, monntew mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Efisɛ ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home.