Leviticus 25:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, bosome a ɛtɔ so nson no ɛda edu no yɛ Mpata Ɛda. Monhyɛn totorobɛnto wɔ baabiara. Mpata Ɛda no, monhyɛn totorobɛnto no dendeenden nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, ma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwa mu; mpata da no mu na momma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwam mo asase nyinaa soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, ma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwa mu; mpata da no mu na momma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwam mo asase nyinaa soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, ma wɔnhyɛn torobɛnto yiye, mpata da no na momma wɔnhyɛn torobɛnto ntwam mo asase nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔsram a ɛto so ason no da du no yɛ Mpata Da. Monhyɛn torobɛnto wɔ baabiara. Mpata Da no, monhyɛn torobɛnto no denneennen nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara.